1 Corinthians 11

1Munsua me sɛnea misua Kristo no.

Mmea Kyɛfa

2Mekamfo mo, efisɛ bere biara mokae me, di nea mekyerɛɛ mo no so. 3Na mepɛ sɛ mote ase sɛ, ɔbarima ti ne Kristo, na ɔbarima yɛ ɔbea ti, nanso Kristo ti ne Onyankopɔn. 4Enti ɔbarima biara a ɔkata ne ti so bɔ mpae anaa ɔka Onyankopɔn asɛm wɔ bagua mu no gu Kristo anim ase. 5Na ɔbea a ɔnkata ne ti so na ɔbɔ mpae ka Onyankopɔn asɛm wɔ bagua mu no nso gu ne kunu anim ase. Nsonoe biara nna ɔne ɔbea a wayi ne tinwi no ntam. 6Sɛ ɔbea no nkata ne ti so a, ɛsɛ sɛ otwitwa ne tinwi gu. Esiane sɛ ɛyɛ animguase sɛ ɔbea beyi ne tinwi anaa obetwitwa agu no nti, ɛsɛ sɛ ɔkata so.

7Ɛho nhia sɛ ɔbarima bɛkata ne ti so, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn anuonyam ne ne sɛso 8na wɔammɔ ɔbarima amfi ɔbea mu, na mmom wɔbɔɔ ɔbea fii ɔbarima mu. 9Saa ara nso na ɛnyɛ ɔbea nti na wɔbɔɔ ɔbarima, nanso ɔbea de, ɔbarima nti na wɔbɔɔ no. 10Esiane saa asɛm yi ne abɔfo no nti, ɛsɛ sɛ ɔbea nya nkataso bi wɔ ne ti so de kyerɛ sɛ ɔhyɛ tumi bi ase. 11Yɛn asetena wɔ Awurade mu no, ɔbea nne ne ho na ɔbarima nso nne ne ho. 12Na sɛnea wɔbɔɔ ɔbea fii ɔbarima mu no, saa ara nso na ɔbea woo ɔbarima, na biribiara nso fii Onyankopɔn.

13Eye sɛ ɔbea bɛbɔ mpae afrɛ Onyankopɔn wɔ bagua mu a biribiara nkata ne ti so ana? Mo ara mummua mfa. 14Ɛnyɛ saa abɔde koro no ara na ɛka se sɛ ɔbarima ti fuw bebree a, ɛyɛ animguase ma no no? 15Nanso ɔbea de, sɛ ne ti fuw pii a, ɛyɛ anuonyam ma no ana? Wɔama no nwi pii sɛ nkataho. 16Nanso sɛ obi pɛ sɛ ogye eyi ho akyinnye a, asɛm a mewɔ ka wɔ ho ara ne sɛ, yɛn anaa Onyankopɔn asafo no nni ɔkwan foforo biara a wɔfa so som.

Adidi Kronkron

17Nhyehyɛe a edidi so yi mu no, minni nkamfo biara de ma mo, efisɛ mo asafo nhyiamu de ɔhaw brɛ mo mmom. 18Nea edi kan no, mate sɛ mo ne mo ho mo ho di asi wɔ mo nhyiamu mu na migye di sɛ nokware kakra wɔ mu. 19Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ mo mu kyekyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a nokware bɛda adi. 20Sɛ muhyia sɛ kuw a, munnhyia sɛ moreyɛ Awurade Adidi 21efisɛ mugu so redidi no, obiara di nʼaduan. Ɛno nti bere a ɔkɔm de obi no na ɔfoforo nso abow nsa. 22Mo ara munni afi a mudidi nom wɔ mu? Anaasɛ mopɛ sɛ mugu Onyankopɔn asafo no ne wɔn a ade ahia wɔn no anim ase ana? Dɛn na mohwehwɛ sɛ meka fa saa asɛm yi ho kyerɛ mo? Menkamfo mo ana? Ɛsɛ sɛ muhu sɛ ɛnsɛ sɛ mekamfo mo!

23Awurade nkyɛn na minya nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ mo no se Awurade Yesu, anadwo a woyii no mae no, ɔfaa brodo 24na ɔdaa Onyankopɔn ase no, obuu mu kae se, “Eyi ne me nipadua a mede ma mo. Monyɛ eyi mfa nkae me.” 25Saa ara na Adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa na ɔkae se, “Saa kuruwa yi yɛ Onyankopɔn apam foforo a wɔde me mogya ahyɛ mu den. Bere biara a mobɛnom no, momfa nkae me.” 26Bere biara a mubedi brodo no na mobɛnom kuruwa no ano no, monka Awurade wu no ho asɛm nkosi sɛ ɔbɛba.

27Ɛkyerɛ sɛ, sɛ obi di Awurade brodo no na ɔnom kuruwa no ano wɔ ɔkwan a ɛmfata so a, odi Awurade nipadua ne ne mogya no ho fɔ. 28Enti ansa na obiara bedi brodo no, anom kuruwa no ano no, ɛsɛ sɛ ɔkari ne ho hwɛ. 29Na sɛ wammu Awurade Honhom no na odi, nom fi kuruwa no mu a, odi nom de atemmu ba nʼankasa so. 30Ɛno nti na mo mu bebree yareyare na moyɛ mmerɛw na mo mu pii awuwu no. 31Sɛ yɛkari yɛn ho hwɛ ansa a, yɛrenkɔ Onyankopɔn atemmu mu. 32Nanso Awurade bu yɛn atɛn, twe yɛn aso sɛnea ɔremmu yɛne wiase nyinaa fɔ.

33Ɛno nti, me nuanom, sɛ muhyia sɛ morekɔ Awurade Adidi no a, mommɔ mu nnidi. 34Sɛ ɔkɔm de obi a, onni biribi wɔ fie na Onyankopɔn ammu no atɛn wɔ wɔn nhyiamu no ase.

Meba a mɛkyerɛ mo nea monyɛ bio.
Copyright information for TwiAKNA